[](https://github.com/ellerbrock/open-source-badges/)
[
](https://join.slack.com/t/firstcontributors/shared_invite/zt-1hg51qkgm-Xc7HxhsiPYNN3ofX2_I8FA)
[](https://opensource.org/licenses/MIT)
[](https://www.codetriage.com/roshanjossey/first-contributions)
# Ntoboa a Edi Kan
Bere a edi kan a wobɛyɛ biribi no yɛ nea ɛyɛ den bere nyinaa. Suro a wusuro sɛ wubedi mfomso no nyɛ nea ahotɔ wom koraa, titiriw bere a woreyɛ biako no. Nanso wiase a ɛwɔ open source no fa adwumayɛkuw ne adwuma a wɔbɛyɛ sɛ kuw ho. Enti, yɛpɛ sɛ yɛma ɔkwan a wɔfa so ma wɔn a wɔde mmoa foforo kɔ open source no yɛ mmerɛw denam sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ wo sɛnea wode wo ntoboa a edi kan bɛma no so.
Nsɛm ne nkyerɛkyerɛ akenkan betumi aboa, nanso dɛn na eye sen sɛ wobɛbɔ mmɔden a wunsuro sɛ wubedi mfomso? Saa dwumadie yi botaeɛ ne sɛ ɛbɛma akwankyerɛ na ama sɛdeɛ wɔn a wɔrefi aseɛ no de wɔn ntoboa a ɛdi kan de ma no ayɛ mmerɛ. Kae:dodow a wo ho adwo wo no, dodow no ara na wusua ade yiye.Sɛ wopɛ sɛ wode wo ntoboa a edi kan ma a, di anammɔn a ɛwɔ ase ha no akyi kɛkɛ.
Sɛ wo nni Git wɔ wo kɔmputa so a, . [fa hyɛ wo kɔmputa so](https://help.github.com/articles/set-up-git/).
## Fork Saa Adekorabea Yi
Fork saa adekorabea yi denam fork button a ɛwɔ kratafa no atifi a wobɛma so.
Wei bɛma woanya akoraeɛ no bi wɔ wo akonta so.
## Clone Saa Adekorabea
Afei clone saa akoraeɛ yi kɔ wo kɔmputa so. Klik clone button no so na afei klik *kɔpi kɔ clipboard so* icon no so.
Bue ahyɛdeɛ kwan (sɛ wowɔ Windows so) anaa terminal (sɛ wowɔ MacOS anaa Linux so) na yɛ git ahyɛdeɛ a ɛdidi soɔ yi:
```
git clone "URL a woayɛ ho kɔpi nkyɛe no"
```
baabi a "URL a woayɛ ho kɔpi seesei ara" (a nsɛm a wɔafa aka no nka ho) yɛ akoraeɛ URL.
Nhwɛsoɔ:
```
git clone https://github.com/your-username/first-contributions.git
```
baabi a `wo-ɔdefoɔ din` yɛ wo GitHub dwumadie din. Ɛha na worekɔpi `ntoboa ahorow a edi kan` akoraeɛ no mu nsɛm afiri GitHub so akɔ wo kɔmputa so.
## Yɛ Baa Dwumadibea
Kɔ adwuma no ho kyerɛwtohɔ a wɔayɛ no foforo no so (sɛ woankɔ hɔ dedaw a):
```
cd first-contributions
```
Afei fa `git checkout` ahyɛdeɛ no yɛ baa dwumadibea:
```
git checkout -b
```
Nhwɛsoɔ:
```
git checkout -b add-quarjo-wusu
```
(Ɛnsɛ sɛ baa dwumadibea din no kura asɛmfua *add*, nanso ntease wom sɛ wode bɛka ho efisɛ baa dwumadibea yi atirimpɔw ne sɛ wode wo din bɛka list bi ho.)
## Yɛ Nsakrae a Ɛho Hia na Fa Hyɛ
Afei, bue `Contributors.md` fael no wɔ text editor mu, fa wo din ka ho, na sie fael no. Sɛ wobue ahyɛdeɛ no na wo tu `git status` ahyɛdeɛ no a, wobɛhunu sɛ nsakraeɛ bi wɔ hɔ. Fa nsakrae yi ka baa dwumadibea a woayɛ nkyɛe no ho denam `git add` ahyɛde no so:
```
git add Contributors.md
```
Afei fa `git commit` ahyɛdeɛ no yɛ nsakraeɛ yi:
```
git commit -m "Add kɔ Contributors list no so"
```
fa wo din si `` ananmu.
## Pia Nsakraeɛ kɔ GitHub
Fa `git push` ahyɛdeɛ no pia wo nsakraeɛ no:
```
git push origin
```
fa baa dwumadibea a woadi kan abɔ no din si `` ananmu.
## Fa Wo Nsakrae no Mena ma Wɔnhwɛ Mu
Sɛ wokɔ wo akoraeɛ wɔ GitHub so a, wobɛhunu `Fa toto ho.
Afei fa twetwe adesrɛ no kɔma.
Mebɛka mo nsakraeɛ nyinaa abom ayɛ adwuma yi baa dwumadibea titiriw no nnansa yi ara. Wo nsa bɛka amanneɛbɔ email bere a wɔawie nkabom no.
Wɔrensakra wo fork no nkorabata titiriw no wɔ saa bere yi mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wo fork no ne me de no bɛkɔ so ayɛ pɛ a, di anammɔn yi akyi.
## Ma Wo Fork no ne Saa Adekorabea Yi Nhyia
Nea edi kan no, dan kɔ baa dwumadibea titiriw no so:
```
git checkout main
```
Na fa me akoraeɛ URL no ka ho sɛ `upstream akyirikyiri url`:
```
git remote add upstream https://github.com/Roshanjossey/first-contributions
```
Wei yɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aka akyerɛ Git sɛ saa akoraeɛ yi nkyerɛaseɛ foforɔ wɔ hɔ wɔ address a wɔakyerɛ no so, na yɛfrɛ no `upstream`. Sɛ wɔka nsakraeɛ no bom wie a, hwehwɛ me akoraeɛ no foforɔ no:
```
git fetch upstream
```
Ɛha na yɛrefa nsakraeɛ a ɛwɔ me baa dwumadibea a ɛwɔ soro no nyinaa aba.Afei ɛsɛ sɛ wode me akorae no mu nsakrae foforo no bom ne wo baa dwumadibea titiriw no:
```
git rebase upstream/main
```
Ɛha na yɛde nsakraeɛ a wode baa wo baa dwumadibea kɛseɛ no nyinaa redi dwuma.Sɛ wopia baa dwumadibea kɛse no mprempren a, wo kyɛnsee no nso benya nsakrae ahorow no:
```
git push origin main
```
Kɔkɔbɔ: Saa bere yi de, worepia akɔ akyirikyiri adekorabea a wɔfrɛ no origin no so.
Saa bere yi, mede wo `` baa dwumadibea no kaa me baa dwumadibea kɛse no ho, na wo nso wode me baa dwumadibea kɛse no kaa wo baa dwumadibea titiriw no ho. Wo `` baa dwumadibea no ho nhia bio, enti wubetumi apopa:
```
git branch -d
```
na wubetumi nso apopa ne akyirikyiri nkyerɛase no:
```
git push origin --delete
```
Eyi ho nhia, nanso baa dwumadibea no din kyerɛ sɛ n’atirimpɔw yɛ pɔtee koraa. Ne nkwa nna betumi ayɛ tiaa.
## Nkyerɛkyerɛ a Wɔde Nnwinnade Afoforo Di Dwuma
|
|
|
a> |
|
|
|
| --- | --- | --- | --- | --- | --- |
| [GitHub Desktop](../gui-tool-tutorials/github-desktop-tutorial.md) | [Visual Studio 2017](../gui-tool-tutorials/github-windows-vs2017-tutorial.md) | [GitKraken](../gui-tool-tutorials/gitkraken-tutorial.md) | [Visual Studio Code](../gui-tool-tutorials/github-windows-vs-code-tutorial.md) | [Atlassian Sourcetree](../gui-tool-tutorials/sourcetree-macos-tutorial.md) | [IntelliJ IDEA](../gui-tool-tutorials/github-windows-intellij-tutorial.md) |
## Nea Ɛdi Akyi?
You can also join our team on Slack in case you need help or have any questions. [Join the team on Slack](https://join.slack.com/t/firstcontributors/shared_invite/zt-1hg51qkgm-Xc7HxhsiPYNN3ofX2_I8FA)